1 Corinthians 16

Towyi

1Asɛm a ɛfa tow a wobeyi de aboa Onyankopɔn asafo mma a wɔwɔ Yudea ho no ni: Ɛsɛ sɛ moyɛ nea meka mekyerɛɛ Galati asafo horow sɛ wɔnyɛ no bi. 2Kwasida biara, sika a moanya no, momfa bi nsie baabi sɛnea meba mo nkyɛn a, ɛremma munyi tow. 3Sɛ meba kɔ a, mɛkyerɛw adansedi krataa mede asoma nnipa a mopene so sɛ mensoma wɔn na wɔabegye mo akyɛde no de akɔ Yerusalem. 4Sɛ ɛho hia sɛ me ne wɔn ba a, me ne wɔn bɛba.

Paulo nhyehyɛe

5Sɛ mifi Makedonia a na mɛba mo nkyɛn, efisɛ, mɛfa hɔ. 6Ebia medi nna kakra wɔ mo nkyɛn. Ebia medi awɔw bere no wɔ mo nkyɛn. Ɛno akyi moaboa me ama makɔ baabiara a mepɛ sɛ mekɔ. 7Mempɛ sɛ medi nna tiaa bi mo nkyɛn. Na mmom mewɔ anidaso sɛ, sɛ Awurade pɛ a, mɛtena mo nkyɛn akyɛ. 8Nanso mɛtena Efeso ha yi akosi Pentekoste da no. 9Ɛwom sɛ wɔn a wɔasɔre tia me dɔɔso de, nanso akwan pa a metumi mafa so madi dwuma pa wɔ ha.

10Sɛ Timoteo ba mo kyɛn wɔ ha a, monsom no hɔho, efisɛ, ɔreyɛ Awurade adwuma sɛnea meyɛ yi ara. 11Obiara mmu no abomfiaa na mmom, mommoa no na ontu ne kwan yi asomdwoe mu na watumi asan abɛka me nsa, efisɛ, merehwɛ ɔne anuanom no anim.

12Ɛfa onua Apolo ho nso, metaa hyɛ no nkuran sɛ ɔne anuanom a aka no ntaa nsra mo, nanso ɔnyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkɔ mprempren ara. Sɛ onya kwan de a, ɔbɛkɔ.

13Monnwɛn, momma mo gyidi mu nyɛ den; mo bo nyɛ duru na munnya ahoɔden.

14Momfa ɔdɔ nyɛ mo nnwuma nyinaa. 15Munim Stefana ne ne fifo ho asɛm. Wɔyɛ nnipa a wɔdan bɛyɛɛ Kristofo kan wɔ Hela na wɔde wɔn ho ama Onyankopɔn adwumayɛfo. Mesrɛ mo, me nuanom, 16sɛ munni nnipa a wɔte saa ne wɔn a wodi saa dwuma no bi na wɔne wɔn som no akyi. 17Mʼani gye Stefana, Fortunato ne Akaiko ba a wɔbae no ho. Wobesii mo ananmu 18na wɔama mʼani agye sɛnea wɔmaa mo ani gyei no ara pɛ. Ɛsɛ sɛ yɛkae nnipa a wɔte saa no.

19Asafo a wɔwɔ Asia no kyia mo. Akwila ne Priskila ne asafo a wohyia wɔn fi no nso kyia mo. 20Anuanom a wɔwɔ ha no kyia mo. Momfa ɔdɔ nkyiakyia mo ho mo ho.

21Me ara me nsa ano nkyerɛwee ni: Me Paulo, mikyia mo. 22Obiara a ɔnnɔ Awurade no, nnome mmra ne so. Maranata “Yɛn Awurade, bra!” 23Awurade Yesu adom mmra mo so. 24Me dɔ nka mo nyinaa wɔ Kristo Yesu mu.

Copyright information for TwiNAK